Sɛn Na Manchester City Ne Bayern Munich Agokansie Yi Bɛkɔ Nnɛ Anwummerɛ Yi?


Afriyie Kwaku Boachie2023/04/11 13:11
Follow
Sɛn Na Manchester City Ne Bayern Munich Agokansie Yi Bɛkɔ Nnɛ Anwummerɛ Yi?

Ntɔkwa kɛseɛ a ɛda Ngresi bɔɔlbɔkuo Manchester City ne Gyamani bɔɔlbɔkuo Bayern Munich nnɛ anadwofa yi no ɛrekame ayɛ sɛ ɛnkɔyɛ fadiagorɔ koraa.

Afaanu yi nyinaa awe atae so sɛ kwan biara wɔbɛhyɛ ne yɔnko wɔ UEFA Champions League ɔko a ɛdi kan a ɛrekɔ so wɔ Ettihad agoprama so no wɔ brɛ korɔ a aka bɔɔlbɔkuo nwɔtwe no ( quarter finals).

Saa agokansie yi mu, wɔbɔ no mprɛnu so na deɛ ɔbɛtumi atwi afa ne yɔnko soɔ wɔ wɔn nhyiamu mprenu soɔ no bɛsi akan wɔ Agorɔ no fa a ɛdi hɔ ( semi final) ansa na ne mpɔnpɔnsoɔ (final) no atɔ dwa.

Sɛ yɛhwɛ nsɛm a ɛretwa guo wɔ Bɔɔlbɔkuo yi mmienu akakye a yɛtumi hunu sɛ Spain dehye kronkron Pep Guardiola a mfeɛ kumaa bi a ɛtwaa mu no na ɔda Bayern Munich ano wɔ agoprama so na ɔregyina Manchester City foɔ yi anim atenetene wɔn no de nsɛm pii no abɛto abɔntene. Ɔno deɛ ɔwɔ gyidie mapa sɛ Manchester City foɔ yi de Bayern Munich atikɔ bɛka fam.

Ɛwɔ Bayern Munich akakye no, wɔn kandifoɔ, tenetefoɔ, ɔkyigyinafoɔ Thomas Tuchel a nansa yi ara ɔkɔkyee Ghana abranteɛ Kofi Kyereh ne ne Bɔɔlbɔkuo Freiburg nom no ka baako no nso wɔ gyidie sɛ Bayern a mfe mpenu ne aduonu (2020) ɔkyee Bɔɔlbɔkuo Barcelona nom no femfenamm ɛka pɔre, pɔre nwɔtwe maa Barcelona a na Lionel Messi gyina mu bi no tee ka no mu mmienu no bɛbo Manchester City wɔ wɔn ankasa kurom.

Yɛnhwɛ Abakɔsɛm a Ɛda Bɔɔlbɔkuo Manchester City Ne Bayern Munich Ntam


Manchester City ne Bayern Munich ahyiamu mprɛ dodoɔ du na afaanu no nyinaa adi nkonim num a atipɛnsoɔko biara (draw) mpo mpuee mu da. "Head-to -head 5 wins each with no draw".


Afe 2011 no, Bayern Munich hyɛɛ Manchester City ɛka 2 a City foɔ yi antumi ante ka. (Bayern won 2:0 versus Man City)

Saa afe korɔ 2011 no mu no Manchester City tumi boroo Bayern Munich ɛka 2 a Bayern ante bie.

Wɔ afe 2013 mu no, Ɛhyɛn Adwumakuo "Audi" kuruwa akansie mu no, Bayern boroo Manchester City 2:1.

Saa afe Korɔ 2013 mu no ara na Bayern ne Manchester City san nso hyiaa ne mprɛnu so wɔ UEFA Champions League yi mu. Ahyɛaseɛ no Bayern Munich boroo Manchester City 3:1 na ne nnawɔtwe mmienu akyire no Manchester City nso kɔhwee Bayern 3:2 nanso na ɛtwa sɛ Manchester City foɔ yi firi agorɔ no mu.

Wɔ afe 2014 mu no, Bayern ne Manchester City de hyehɛɛ so ne mprenu so na ɔfa a ɛdi kan no ( first leg) Manchester City twi faa Bayern so ɛka 3:2 . Wɔhyiaa bio saa afe no mu no, Bayern kyekyeree ɛka baako too Manchester City so.

Afe 2016 no, Bayern boroo Manchester City ɛka baako (1:0) wɔ ayɔnko akansie mu no.

Wɔ afe 2018, Manchester City hwee Bayern 3:2.

Wɔn nhiamu a ɛtwa koraa deɛ na ɛyɛ ayɔnko agokansie ( friendly match), na Manchester City boroo Bayern 1:0.

Ne tɔfabɔ mu no sei na wɔn nhyiamu wɔ bɔɔlbɔ akansie mu no teɛ;


1. City--- --- 0

Bayern---2


2. City--- --- 2

Bayern--- 0


3. City--- 1

Bayern---2


4. City--- 1

Bayern--- 3


5. City--- --- 3

Bayern--- 2


6. City--- 3

Bayern--- 2


7. City--- 0

Bayern--- 1


8. City--- 0

Bayern--- 1


9. City--- -- 3

Bayern------2


10. City--- --- 1

Bayern---------0


Mmranteɛ wɔn ho yɛ hu a wɔwɔ Manchester City a wɔbɛtumi ama adi ayɛ Bayern no bi ne Erling Haaland , Kelvin De Bruyne, Bernado Silva, Riyad Mahrez.


Sɛ yɛhwɛ Bayern Munich nso a, wɔwɔ mmranteɛ a wɔtumi toto ntena basabasa bi te sɛ Thomas Muller, Musiala, Serge Gnabry, Kingsley Coleman, Leroy Sane na afei nso Sadio Mane.

Agorɔ yi mu bɛyere sɛ bɛnta nanso kae sɛ wɔn nhyiamu no atipɛnko ( draw) biara nsii da na deɛ ɛte ne sɛ wɔbɛtoto ntena pii na deɛ nahoɔden bɛboro ne yɔnko soɔ no bɛdi nkonim.




Share - Sɛn Na Manchester City Ne Bayern Munich Agokansie Yi Bɛkɔ Nnɛ Anwummerɛ Yi?

Support this user by sending bitcoin - Learn more

0 comments

Be the first to comment!

This post is waiting for your feedback.
Share your thoughts and join the conversation.